Psalms 124

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.


1 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,
ma Israel nka,

2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa
bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,

3 bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a
anka wɔmemenee yɛn anikann;

4 anka nsuyiri no bebu afa yɛn so,
anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,

5 anka nsu a ano yɛ den no
bɛpra yɛn kɔ.


6 Ayeyi nka Awurade a
wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.

7 Yɛaguan sɛ anomaa
afi ofirisumfo afiri mu;
wɔabubu afiri no,
ama yɛaguan.

8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,
ɔsoro ne asase Yɛfo no.
Copyright information for TwiAKNA